Philippians 1

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn. Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefo ne ahwɛfo ne asomafo a wɔwɔ Filipi no nyinaa.

2Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Paulo mpaebɔ

3Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4Saa ara nso na da biara mede anigye bɔ mpae ma mo, 5efisɛ, efi da a edi kan de besi sesɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. 6Eyi nti, migye di yiye sɛ: Onyankopɔn a ofitii ase yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.

7Sɛnea mo ho adwene pa wɔ me tirim no nti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara nen. Efisɛ, sɛ meda mpokyerɛ mu anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no no, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. 8Onyankopɔn ankasa di me adanse sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo dɔ mu. 9Me mpae a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin wɔ nimdeɛ ne ntease mu 10sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea eye na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo. 11Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko betumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, akamfo no.

12Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛw. 13Ɛno nti, awɛmfo a wɔwɔ ahemfi ha ne afoforo a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, esiane sɛ meyɛ Kristo somfo no nti, na meda afiase. 14Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wotumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoduru so a wonsuro hwee.

15Ɛyɛ nokware sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwawpɛ so ka Kristo ho asɛm foforo, na afoforo nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no fi ɔdɔ mu na ɛka, efisɛ, wonim sɛ Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase. 17Afoforo a wɔnam nitan ne ntɔkwawpɛ so ka asɛm no nso dwen sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu. 18Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne sɛ, sɛ wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na eyi nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mani agye, 19efisɛ, minim sɛ mo mpaebɔ ne adom a efi Yesu Kristo Honhom mmoa mu no nti, wobegyaa me. 20Me pɛ ne mʼanidaso titiriw ne sɛ, mmere nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa bere yi, sɛ mete ase o, sɛ miwu o, mede me nipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo anuonyam. 21Me de, mʼase a mete ne Kristo; na owu yɛ me mfaso. 22Na sɛ mʼase a mete yi na ɛbɛma matumi matwetwe afoforo abrɛ Kristo a, ɛnne na asetena ne owu, minhu mu nea memfa. 23Eyi adi me aniani; ɔpɛ na mepɛ sɛ mitu wiase ne Kristo kɔtena, efisɛ, ɛno mmom na eye; 24nanso mo nti, sɛ mete ase nso a, anka eye.

25Minim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno nti, mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyin wɔ gyidi mu anya anigye. 26Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesan bɛsra mo bio a, mubenya biribi agyina so ahyɛ Kristo anuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

27Mprempren, ade a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata sɛ Kristo Asɛmpa no nko sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yehyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mugyina pintinn na mukita botae koro ne gyidi koro wɔ Asɛmpa no ho.

28Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse sɛ wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ, Onyankopɔn ka mo ho. 29Na mo de, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ munni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mubehu amane nso. 30Afei mubetumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwam no, mekoe no, na migu so reko sɛnea mote no no.

Copyright information for TwiNAK